Psalms 136

Aseda dwom

1Monna Awurade ase efisɛ oye; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
2Monna nea ɔso sen anyame nyinaa no ase; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
3Monna awuranom mu tumfoɔ no ase; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
4Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
5Ne nyansa mu na ɔbɔɔ ɔsoro; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
6Ɔbɔɔ asase wɔ nsu a emu ware so; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
7Ɔbɔɔ owia ne ɔsram, nʼadɔe wɔ hɔ daa.
8Owia sɛ ɔnhyɛ adekyee so; nʼadɔe wɔ hɔ daa;
9na ɔsram ne nsoromma nhyɛ anadwo so; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
10Okum Misraimfo mmakan; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
11Odii Israelfo anim fii Misraim; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
12Ɔnam ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a tumi wɔ mu no so; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
13Ɔpaee ɛpo Kɔkɔɔ no mu; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
14Odii ne nkurɔfo anim ma wɔfaa mu; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
15Nanso ɔmaa nsu no faa Misraimhene ne nʼasraafo; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
16Odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
17Okum ahene atumfoɔ; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
18Okum ahene a wɔagye din; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
19Amorihene,
Sihon; nʼadɔe wɔ hɔ daa;
20ne Basanhene,
Og; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
21Ɔde wɔn nsase maa ne nkurɔfo; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
22Ɔde maa Israel ne somfo; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
23Wodii yɛn so nkonim no, ne werɛ amfi yɛn; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
24Ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
25Ɔma ɔteasefo biara aduan; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
26Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase; nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Copyright information for TwiNAK